Ghana Gospel All Stars - W'aseda Nie (Obatanpa)
|

Ghana Gospel All Stars – W’aseda Nie (Obatanpa)

Contents

“W’aseda Nie (Obatanpa) by Ghana Gospel All Stars” is a song from Popular and Talented singer and gospel music minister with Mp3, Lyrics meaning, Mp4 and Video Download

This Song is an Undiluted Praise Medley that deserves your attention, Available on all digital platforms.

This is powerful song with awesome lyrics and quite beautiful instrumental, well crafted by Ghana Gospel All Stars (Mc Abraham, Amy Newman, Stella Seal, YABS, Nana Yaw Asare, Rev Kusi Berko, Dorcas Appiah)

Mp3 & Audio Download for Ghana Gospel All Stars – W’aseda Nie

Download Mp3

Mp4 YouTube Video

Ghana Gospel All Stars – W’aseda Nie Lyrics

Mc Abraham:
M’akoma de ahurusie
Awurade aboa me o
ƆbƆne foƆ tεdua mo abubu
Ma me nisuo nyinaa
Adane m’anigyeε

Amy Newman:
Awurade na Ɔma
Ɔno ara na Ɔgye o
ƆwƆ mmre di ma Ɔdasani bia
Sε wo deε mma yε a
To wo bo ase o

YABS:
Ɔyε mpaebƆ tie fo o
Ɔhuno onnibie mƆbƆ
Sε wo ba fi bƆne mo
Ayε papa
Nka wo be huno sε
Yεn Nyame yi te ase

Stella Seal:
M’ahwehwε mo
afere me mmƆfra ase
εde abe du me mpaninfieso
Ade bako a menhuno da ne sε
Me NyankopƆn nso de hwammƆ

Chorus:
Ɔbatanpa e, W’aseda nie o
Me Nyame e W’ama ma sere
Ɔhen kεse e, W’ayeyie ni o
W’ama me nisuo adane m’anigyeε

Nana Yaw Asare:
W’akoa m’aseda nie o
W’ama me hunhum asane no
Awurade ayi me afere ohia mo
Ama nnipa nyinaa frε me nhyiraba

Rev Kusi Berko:
Ma mento m’Awurade ho nnwom
Na ne tumi boro tumi nyinaa so
ApƆnkƆ ne apƆnkƆ so tifo nyinara
Yesu ake wƆn a go po mo

Dorcas Appiah:
W’atene wo nsa wƆ adƆye mo
W’ako agye wo man
Wease nyinaa bε te ahunu sε
W’ansi dan no a Ɔdansefo yε kwa o

Amy Newman:
Wo bƆhyε n’anya ‘ba mo, Awurade
Yεn nsom wo hu mo biem wai
Yε bε yeri yεn ho asom wo nokware mo
Ama w’akyerε yεn asomdwe kwan no

Repeat Chorus

Mc Abraham:
Nhyira nka wo yεn NyankopƆn
Agya w’ako agye wo man yi
Wo ne yεn agyanom pam apam bi
Na w’ama n’abamu
Yεn nkyerimma yi mmre so

Stella Seal:
Awurade a ne yεn ahoƆden
Ɔno a ne yεn twitwagyefo
Ɔde nnwom foforƆ bi
Ahyε yεn ano nnε
Yεn NyankoropƆn
DƆmbarima no

Dorcas Appiah:
Yei, yei,
Yehowa te debƆyεfoƆ adeε so
Na w’aho ahia foƆ mƆbƆ
Ɔhyε deε kƆm de no fono mo
Ama ateremodenfo ho amane
Nana Yaw Asare
Hwan koraa
Na Ɔne wo sε
Israel Ɔkronkron ni e
Wo nsa no nnwoma kyerε sε
Obiaa nni hƆ a
Ɔne wo sε, Awurade

Chorus (repeat to end)

Song by Gospel All Stars (Mc Abraham, Amy Newman, Stella Seal, YABS, Nana Yaw Asare, Rev Kusi Berko, Dorcas Appiah)

We provided you with the mp3,Lyrics and the audio plus instrumental for Free. You can also enjoy more awesome Old and latest songs by Nigerian, Foreign, Ghana and Africa gospel singers.

Leave a comment below on “Ghana Gospel All Stars – W’aseda Nie”

Follow Us On Facebook InstagramTwitter

Similar Posts

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *